Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 9:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wonnya Yudafo a wɔwɔ Susan no kwan ɔkyena nso, na wɔnyɛ sɛnea ɛnnɛ mmara no te, na Haman mma du no, wɔnsensɛn wɔn dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnnya Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan nso ɔkyena, na wɔnyɛ sɛdeɛ ɛnnɛ mmara no teɛ, na Haman mma du no, wɔnsensɛne wɔn dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na Ɛster kae se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafo a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ nea wɔyɛɛ no nnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmabarima du no amu nsensɛn nnua so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnnya Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan nso ɔkyena, na wɔnyɛ sɛdeɛ ɛnnɛ mmara no teɛ, na Haman mma du no, wɔnsensɛne wɔn dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.”

Ver Capítulo Copiar




Ester 9:13
7 Referencias Cruzadas  

ma wɔmfa ne mma mu mmarima baasɔn mma yɛn na yɛnsensɛn wɔn mma AWURADE wɔ Saul a AWURADE faa no no kurow Gibea mu. Na ɔhene se: Mɛma.


na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfo no nsa, na wɔsensɛn wɔn bepɔw no so AWURADE anim, na wɔn baasɔn no totɔe prɛko. Na wokunkum wɔn twabere nna a edi kan mu, atokotwa mfiase mu.


Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,


Na ɔhene no kae sɛ wɔnyɛ sa, na wɔhyɛɛ mmara no Susan, na wɔsensɛn Haman mmammarima du no.


Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan nso, na wokunkum mmarima ahasa Susan. Na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.


Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,


ne funu no nntena dua no so anadwo, osie na sie no da no ara; na nea wɔasɛn no no yɛ Onyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no ho fi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios