Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 8:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfo no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfo sɛe?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?”

Ver Capítulo Copiar




Ester 8:6
9 Referencias Cruzadas  

Na sɛ abofra no nka me ho a, mɛkɔ m'agya anim dɛn? Ɛnne na merekohu bɔne a ɛbɛto m'agya no.


na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


Na ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar a ɛte sɛ: Ɔbɛnem no, da a ɛto so dumiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no dui sɛ wonni so no, da no ara a Yudafo atamfo ani daa so sɛ wobedi wɔn so na ɛdan sɛ: Yudafo no mmom na wodii wɔn atamfo no so,


Me yam hyehye me! Me yam hyehye me! Mete me koma mu yaw! Me koma pere me patripatri, mintumi mimmua m’ano, efisɛ mete torobɛntohyɛn, ɔko ne osebɔ ho nsɛkyerɛnne.


O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo.


Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ wobenya nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios