Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 8:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa.

Ver Capítulo Copiar




Ester 8:15
15 Referencias Cruzadas  

Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu,


nwera ne bibitama sensɛn hɔ, wɔde nhama fufu ne nea ɛberedum asuso mu akyekyere dwetɛ nkaa wɔ mu, abofufu adum ho; sika ne dwetɛ nnae wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobiri ne dame nsɛwee so.


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu?


Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.


Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


Na Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kurow no abɔnten no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no.


ma wɔmfa ahenni atade a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena so a wɔde ahenni abotiri bɔ ne ti no,


Ammirikatufo a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no so no nam ɔhene asɛm so fi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susan aban mu.


Treneefo di yiye a, ɔman ho san wɔn, na abɔnefo sɛe a, wohuro.


Treneefo di ahurusi a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw.


Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.


Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu.


nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako.


Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios