Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 8:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Ammirikatufo a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no so no nam ɔhene asɛm so fi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susan aban mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu.

Ver Capítulo Copiar




Ester 8:14
13 Referencias Cruzadas  

Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn.


Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.


Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,


Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so,


na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.


Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.


Nkyerɛwee no nsusuwso a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa so no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wonsiesie wɔn ho nsie da no.


Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.


Nkyerɛwee no nsusuwso a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa so no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafo no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wonni wɔn atamfo were.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios