Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔrenonom nsa saa da no, ɔhene no ka kyerɛɛ no bio se, “Ɔhemmea Ɛster, kyerɛ me nea wopɛ. Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”

Ver Capítulo Copiar




Ester 7:2
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ne Haman bae sɛ wɔne ɔhemmea Ester rebɛnom nsa.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester sɛ: Susan ahenkurow mu na Yudafo akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du, na ɛdɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no so? Nanso ɛdɛn ne nea wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdɛn ne nea woda so repɛ na wɔnyɛ?


Na ɔkaa no ntam sɛ: Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so.


Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.


Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios