Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 6:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa; na n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafi ase rehwe ase n’anim yi fi Yudafo asefo mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa; na n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ rehwe ase n’anim yi firi Yudafoɔ asefoɔ mu deɛ a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa; na n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ rehwe ase n’anim yi firi Yudafoɔ asefoɔ mu deɛ a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”

Ver Capítulo Copiar




Ester 6:13
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔsomfo no kaa nea ɔyɛe no nyinaa kyerɛɛ Isak.


na aka nnansa na Farao ayi wo afi ha, na wasɛn wo dua ho ma nnomaa adi wo nam afi wo ho.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Ahohia ne ahokyere yi no hu, etintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.


Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree ntee; mo nyinaa yɛ gyamserefo.


Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.


Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa, na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu.


Ɛno nti ɔhene bo fuwii, na n’ani beree kɛse, na ɔkae sɛ wɔnsɛe Babel anyansafo nyinaa.


Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.


Na Awurade bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa, asase kronkron no, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.


Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere, hena na ɔbɛma wasɔre? Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo.


Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios