Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 6:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kurow no abɔnten no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.”

Ver Capítulo Copiar




Ester 6:11
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no, ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo no, nea ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atade ne ɔpɔnkɔ no, sɛnea woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛse mu no; nnyaw nea woaka no nyinaa mu biara.


Na Mordekai san baa ɔhene ponkɛse no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodi kɔɔ ne fi, wɔ animguase mu.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Na nsase no so mmapɔmma ne amradofo akɛse ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ Mordekai ho hu aka wɔn.


Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.


Na wo nhyɛsofo mma de akotowakotow bɛba wo nkyɛn, na w’ahiyifo nyinaa bɛba abebum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE kurow, Israel kronkronni no Sion.


Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios