Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

Ver Capítulo Copiar




Ester 5:3
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔkae sɛ: Ade ketewa bi na merebebisa wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɔpon a meretow no no ho nnɛ.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester sɛ: Susan ahenkurow mu na Yudafo akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du, na ɛdɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no so? Nanso ɛdɛn ne nea wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdɛn ne nea woda so repɛ na wɔnyɛ?


Na ɔkaa no ntam sɛ: Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fa so.


sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade.


Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios