Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 4:14 - KYERƐW KRONKRON

14 na mmom sɛ wumua w’ano bere yi mu a, ɛnne ɔboa ne ogye bɛsɔre afi baabi ama Yudafo, na wo ne w’agya fi de, mobɛsɛe; na hena na onim sɛ ɛbere a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahenni no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na sɛ woyɛ komm wɔ ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa wɔ ahemfie.”

Ver Capítulo Copiar




Ester 4:14
31 Referencias Cruzadas  

Na Abraham too beae hɔ din sɛ Yahwe-Yire. Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ.


Na AWURADE maa Israel ogyefo, na wofii Siriafo nsa ase, na Israelfo tenaa wɔn ntamadan mu sɛ kan no.


na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo.


Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaw yɛn ɛ, na mmom wama adɔe ato yɛn Persia ahene no anim, sɛ wɔmma yennya nkwa na yɛmma yɛn Nyankopɔn dan so nsi hɔ, na yɛnkyekye n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasu bi wɔ Yuda ne Yerusalem.


Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.


Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.


Na ɔno na ɔtetew n’agya ne nua ba Hadasa a ɔne Ester, efisɛ na onni agya ne ɛna; na ababaa no nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso tew. Na n’agya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.


Na Mordekai kae sɛ wonkobua Ester sɛ: Nsusuw sɛ wubefi mu wɔ ahemfi, Yudafo nyinaa mu;


Ɛnna Ester kae sɛ wonkobua Mordekai sɛ:


ɔmma minnya ahomeye, na ɔde awerɛhow hyɛ me ma tɔ.


osuane wɔ ne bere, na ɔpam wɔ ne bere; Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere;


Na ahene bɛyɛ wo gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo, na wɔataforo wo nan ase mfutuma, na woahu sɛ me, mene AWURADE na wɔn a wɔn ani da me so no ani renwu.


Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.


Na midi w’akyi sɛ megye wo nkwa, AWURADE asɛm ni; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo de, meremma wunwie sa, na mɛtwe w’aso atɛntrenee so, na bem de, meremma wunni.


Wo, m’akoa Yakob de, nsuro, AWURADE asɛm ni, na midi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie sa, na wo de, merenwie wo sɛe; na mɛteɛ wo so sɛ ɛfata, na bem de, meremma wunni da.


ɛnne mɛkae me ne Yakob apam no, ne me ne Isak apam no nso; na ɛne Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.


Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.


Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.


Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.


Ɛnna Filistifo no kae sɛ: Hena po na ɔyɛɛ eyi? Na wose: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko ntia. Ɛnna Filistifo no siim kɔe de ogya kɔhyew Timnani no ne n’agya fi.


Na AWURADE din kɛse no nti ɔrempa ne man; na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.


Na Dawid se: Dɛn na mayɛ? So ɛnyɛ asɛm bi nti?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios