Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 3:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

Ver Capítulo Copiar




Ester 3:15
14 Referencias Cruzadas  

Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, na hwɛ, Ismaelfo akwantufo kuw bi a wofi Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso aduhuam ne akyenkyennuru ne kurobow reba.


Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufo a wɔhwɛ ahemfi pon ano no so asafohene nsa.


Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no,


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.


Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.


Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.


Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitiriw, sɛ wobedi nsaden akyi,


Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


Yɛn hene afahyɛ da no, asabow bɔɔ mmapɔmma yare; ɔne afɛwdifo dii nsawɔso.


wɔnom nsa nkora mu, na wɔde ngohuam sra wɔn ho, nanso Yosef sɛe de ɛnyɛ wɔn yaw.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios