Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmerɛ bi akyi, ɔhene Ahasweros pagyaa Agagni Hamedata babarima Haman diberɛ, yɛɛ no ɔsoafoɔ panin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyire.

Ver Capítulo Copiar




Ester 3:1
15 Referencias Cruzadas  

Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo.


Na ɔkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, ɔman no kosuu kɔm kyerɛɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ.


Efisɛ ɔhene ne n’agyinatufo baasɔn no asoma wo sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no te.


na wɔn a wɔbɛn no ne: Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baasɔn a wohuu ɔhene anim ne ahenni no mu atitiriw no),


Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea fii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafo tamfo no.


Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Na Ester kasae bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na osui kotow srɛɛ no sɛ onyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafo no ho no.


Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefo abu so nennamee.


Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.


wɔama nkwasea so bebree, na adefo tete fam.


ne wɔn so abirempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu biako, sɛ amantam ahene no mmu akontaa nkyerɛ wɔn, na ɔhene ade ammɔ no.


Ne nsusaw ade mu nsu bubu so, na n'asefo tena nsu pii mu. Ne hene so sen Agag, na wɔbɛma n'ahenni so.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Na ɔkyeree Amalek hene Agag animono, na ɔman no nyinaa de, ɔde nkrante sɛee wɔn pasaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios