Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 2:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu.

Ver Capítulo Copiar




Ester 2:17
10 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔnkɔfa ɔhemmea Wasti mmra ɔhene anim, ahenni abotiri no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhu n’ahoɔfɛ, efisɛ ne ho yɛ fɛ.


Na wɔde Ester kɔɔ ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfi, ɔsram a ɛto so du a ɛne ɔsram Tebet [a ɛte sɛ Ɔpɛpɔn] no so, n’ahenni afe a ɛto so ason no mu.


na mmom sɛ wumua w’ano bere yi mu a, ɛnne ɔboa ne ogye bɛsɔre afi baabi ama Yudafo, na wo ne w’agya fi de, mobɛsɛe; na hena na onim sɛ ɛbere a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahenni no?


ma wɔmfa ahenni atade a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena so a wɔde ahenni abotiri bɔ ne ti no,


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


na wuram nnua nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no ase, na mama dua a ehuhua fam akorɔn, mama dumono aguan na mama duwui afefɛw. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ.


Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios