Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 2:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Ester 2:14
8 Referencias Cruzadas  

sɛ ɔbɛyɛ saa ade no, efisɛ Yakob babea no sɔ n'ani, na ɔwɔ anuonyam sen n'agya fifo nyinaa.


Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ no sɛ ɔde fi mmea fi hɔ akɔ ɔhene fi no, wɔde ma no.


Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.


ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.


M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ.


Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma ɔmfa ne ho nkodi sɛnea ɔpɛ, na ɔtɔn de, ntɔn no nnye sika, wo ne no nnni no sɛ afenaa, efisɛ woagurow no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios