Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 2:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ no sɛ ɔde fi mmea fi hɔ akɔ ɔhene fi no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.

Ver Capítulo Copiar




Ester 2:13
3 Referencias Cruzadas  

Na da biara Mordekai kɔpase mmea fi no abangua no anim, na wahu sɛ Ester te yiye ne nea wɔde no bɛyɛ.


Na edu mmabaa no biara so a, ɔkɔ ɔhene Ahas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛ mmea no ahosiesie mmara te, kosii sɛ asram dumien dui ansa. Na sɛnea wɔn sra nna dodow te no, wɔde kurobow bɔɔ no asram asia, na wɔde nnuhuam ne mmea nku sraa no asram asia nso.


Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios