Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ.

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:3
16 Referencias Cruzadas  

Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim;


Na Solomon nyanee, na hwɛ, ɛyɛ ɔdae. Na ɔbaa Yerusalem, na obegyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na ɔtow ne nkoa nyinaa pon.


Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


na wɔn a wɔbɛn no ne: Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baasɔn a wohuu ɔhene anim ne ahenni no mu atitiriw no),


Ɛno mu na oyii n’ahenni anuonyam dodow ne ne kɛseyɛ haran ne ne fɛ no kyerɛe nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.


Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene.


Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar.


Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.


Monsew agyan no, munso akyɛm mu! AWURADE ahwanyan Media ahene honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe no, efisɛ AWURADE aweretɔ, n’asɔrefi aweretɔ ne no.


Ɔhene Belsasar tow n’aberɛmpɔn apem ponkɛse, na ɔnom nsa, wɔ wɔn anim.


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahene ɔha aduonu besisi n’ahenni no so, sɛ wonni ahemman no nyinaa so,


Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene;


Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios