Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:20 - KYERƐW KRONKRON

20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebedi yi n’ahenni nyinaa mu, na ɛso, na ɔyerenom nyinaa ani asosɔ wɔn kununom, efi ɔkɛse so kosi akumaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Sɛ wɔde saa mmara yi to gua ma obiara te wɔ wʼaheman kɛse yi mu a, mmea awarefo de obu a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:20
8 Referencias Cruzadas  

Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛe sɛ, Memukan kae no.


Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no.


Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade,


Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ommu ne kunu.


na yi bɔne no fi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wonsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.


Na ne kurow no mu mmarima nyinaa nsiw no abo mma ɔntɔ; na yi bɔne no fi wo mu na Israel nyinaa nte na wonsuro.


Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios