Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:6 - KYERƐW KRONKRON

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monyɛ ɔsetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ ɛberɛ a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom, monyɛ sɛ Kristo nkoa a mofiri mo akoma mu reyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:6
20 Referencias Cruzadas  

Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.


Na eyi nyinaa mu mpo ne nuabea sansani Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm ni.


Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuammarima ne onuabea ne ɛna.


Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.


Na obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuammarima, ne me nuabea, ne me na.


Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mufi koma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sonowonko na wɔde mo ahyɛ mu no.


Na nea wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehye; saa ara na ɔdehye nso a wɔafrɛ no yɛ Kristo akoa.


Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa.


Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye.


Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


na sɛnea Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn koma hwɛ no ani.


Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew. Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu,


Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano,


na ɔhonam mu asetena bere a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Onyankopɔn apɛde.


Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios