Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:3
15 Referencias Cruzadas  

Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.


Na munnsisi adan, na munnnua hwee, na monnyɛ bobeturo bi, na mommfa ebi nso nnyɛ mo de; na ntamadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔho no so.


Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yebetie, na asi yɛn yiye, sɛ yetie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti.


Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu:


Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


nni, na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, sɛ woreyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so.


Hwɛ na tie nsɛm a merehyɛ wo nyinaa na ensi wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye daa, sɛ woreyɛ nea eye na ɛteɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani so.


na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yiye na wɔama wo nna aware.


Na di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, na woakye ade, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so daa nyinaa.


Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so.


na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no,


Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yiye, na woadɔɔso pii, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no, asase a nufusu ne ɛwo sen so no so.


Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomee memma wo na asi wo yiye anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios