Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:21
11 Referencias Cruzadas  

Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.


Eyi nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


sɛnea musuae nso fii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo


Sɛ wode eyinom kyerɛ anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa a wudii akyiri no nsɛm ayɛn no.


Tikiko de, masoma no Efeso.


Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekodi awɔw bere.


ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam.


Menam onua nokwafo Silwano so, sɛnea mebu no no, makyerɛw nsɛntiaa yi mabrɛ mo, mede mitu mo fo na midi adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware adom a moabegyina mu yi.


na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios