Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:10
30 Referencias Cruzadas  

Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si ofi a ɛbɛyɛ kronkronbea: Hyɛ wo ho den na yɛ!


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa.


Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.


Da a misu mefrɛe no, wugyee me so, wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden.


So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.


Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.


Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade asɛm ni, na monyɛ adwuma no, na midi mo akyi, asafo Awurade asɛm ni.


Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo a wɔwɔ hɔ no anim da a wɔhyɛɛ asafo AWURADE dan no ase sɛ wɔresi asɔredan no anom no.


Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ


sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu;


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.


Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim.


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.


Mmofra nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, moahu Agya no. Agyanom merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no Mmerante makyerɛw mabrɛ mo mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔne no so nkonim.


Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios