Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:6
28 Referencias Cruzadas  

Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, ɛhena so na wode wo ho to a enti wotew me so atua yi?


Onyankopɔn abufuw sɔre hyɛɛ wɔn, na okunkum wɔn mu abran no mu bi, ɔde Israel mmerante hwehwee fam.


Enti munntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adae asekyerɛfo ne mo akɔmfo ne mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,


Soma kose atukɔfo no nyinaa sɛ: Sɛɛ na AWURADE ka Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atoro so nti,


Sɛ AWURADE se ni: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafo afi yɛn so kɔ, efisɛ wɔrenkɔ.


Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no, wɔnoa no so sa no.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.


Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na Yesu fii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.


Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan.


Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu.


Na meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada.


Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum;


Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba, (wɔ asoɔdenfo mma so)


Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no


Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.


Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu.


ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios