Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:16
18 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ade nnya nsae koraa ɛ, na ɛbere a wɔboaboa mmoakuw ano nnya nnui ɛ. Momma nguan no nsu nnom, na monkɔ mma wonkodidi.


Wɔn ani renwu bere bɔne mu, na wɔbɛmee, ɔkɔm mmere mu.


Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.


Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Ɔhene buae sɛ: Minim ampa sɛ moregye bere, esiane sɛ muhu sɛ asɛm no afi me mu kɔ nti.


Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne.


Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.


Na eyi de munim, munim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.


Nea afei, misusuw sɛ eye ne sɛ: Mprempren ahohia yi nti, eye ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa ara.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.


Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.


na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan;


Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios