Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Enti ɔse: Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe, na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se, “Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafo kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛde.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Enti ɔse: Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe, na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:8
7 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene.


Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ.


Hena na waforo akɔ soro na wasian? Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn?


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo,


na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Sɔre, ka wo ho, Debora! Sɔre, ka wo ho to dwom! Sɔre, Barak, na fa wo nnommum nnommum, Abinoam ba.


Na Dawid duu Siklag no, ɔsomae ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyin a wɔyɛ ne nnamfo kae sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfo asade mu akyɛde a wɔde rebrɛ mo ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios