Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:26
22 Referencias Cruzadas  

Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko,


Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. Sela


Na wo nkoa yi nyinaa besian aba me nkyɛn abɛkotow me aka sɛ: Fi adi kɔ, wo ne ɔman a edi w'akyi no nyinaa. Na ɛno akyi no mefi makɔ. Na ɔde abufuhyew fii Farao nkyɛn kɔe.


Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.


Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.


Atifi fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.


Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.


Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.


Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.


Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaade, na mma owia nnkɔtɔ so, efisɛ odi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.


Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;


efisɛ onipa abufuw nyɛ Onyankopɔn trenee mu ade.


Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios