Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:23 - KYERƐW KRONKRON

23 na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:23
11 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma,


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


na mɛma mo koma foforo, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na meyi ɔbo koma no afi mo honam mu, na mama mo ɔhonam koma.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Enti wɔnam owu mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛnea wɔnam Agya no anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, saa ara na yɛn nso nnantew nkwa foforo mu.


Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene no de, ɛyɛ nkwa ne asomdwoe.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;


emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔso, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios