Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:22
27 Referencias Cruzadas  

Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ, sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a,


Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


W’ahide ne wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, wo a wote nkoko a ɛkorɔn so; sɛ woyɛ wo buw sorosoro sɛ ɔkɔre po a, ɛhɔ ara na meyi wo afi asi fam, AWURADE asɛm ni.


Wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, nea ɛhɔ korɔn ne w’agua, wuse wo koma mu sɛ: Hena na obetumi ayi me asi fam?


Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;


Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan daadaa me, na ɛnam so kum me.


Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho.


Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn,


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.


ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.


Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.


Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.


Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


sɛ munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu,


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


na wobenya nea ɛnteɛ so akatua. Nea wobu no anigye ne daa ahohwi asetena, wɔyɛ nkekae ne dɛm, wɔde wɔn apempensi bɔ ahohwi, nanso wɔne mo redidi,


na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;


Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Enkosi da bɛn na wobɛbow nsa? Yi nsanom fi w’ani so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios