Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:21 - KYERƐW KRONKRON

21 sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:21
20 Referencias Cruzadas  

Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?


efisɛ Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno mu na yiw no wɔ, na ne mu na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn anuonyam.


Kristo nokware wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m'ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia fam hɔnom nyinaa.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokware asɛm a ɛne mo nkwagye ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mugye dii no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


Na ɔbae bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee.


Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no,


sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios