Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:19
13 Referencias Cruzadas  

atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu.


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu.


Efisɛ amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.


Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe ho bio, na prako a wɔaguare no no asian kɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu.


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.


Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.


ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios