Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:18
34 Referencias Cruzadas  

Ma w’ani mmra apam no so, na atirimɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma.


Na bepɔw yi so na obeyi anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim, ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no. Ɔbɛmene owu akosi daa.


na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho.


Na ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wotuu no fii n’ahengua no so, na woyii n’anuonyam fii ne ho;


sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te,


Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.


Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.


Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene,


Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


Ɛnne na ɛdɛn? Nea Israelfo hwehwɛ no, wɔannya; na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no koma apirim;


na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifuraefo kwankyerɛfo, wɔn a wɔwɔ sum mu hann,


Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa.


Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,


nanso wɔn adwene mu yɛɛ wɔn sum, na ɛde besi nnɛ mpo, nkataanim no ara da so da apam dedaw kenkan so a wonnya nyii ɛ, efisɛ Kristo mu (nko) na woyi.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.


Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu,


monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase.


Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no;


sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Na nea ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a n’ankasa ne ɔman no mfomso nti ɔde kɔma.


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no,


Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios