Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:15 - KYERƐW KRONKRON

15 na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:15
21 Referencias Cruzadas  

Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.


Eyinom ne ade a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho; nokware ne asomdwoe na momfa mmu atɛn mo nkurow apon mu.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.


na mmom yɛapo aniwude a ehintaw no, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Onyankopɔn anim.


Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa ahwɛ.


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo


sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Ne mu na nea wɔasi no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrema ne ho so akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu;


Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka sɛ: Medɔ wo, na wo koma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me dekode a w’ahoɔden kɛse yi wɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios