Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 3:19 - KYERƐW KRONKRON

19 na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 3:19
24 Referencias Cruzadas  

Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo.


Na makɔ Onyankopɔn afɔremuka ho, na mede ahurusi ne anigye mmoroso akɔ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sanku mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.


Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante?


anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ.


na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no,


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no,


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ntease nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.


na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu,


Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mo ho san mo anigye a enni kabea a anuonyam wɔ mu mu,


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios