Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 3:18 - KYERƐW KRONKRON

18 na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 3:18
28 Referencias Cruzadas  

Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛn wo homebea no mu, wo ne wo tumi adaka no. W’asɔfo no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagye, na w’ahotefo ani nnye wo papa mu.


Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma,


AWURADE ahotefo wu de, ɛbo yɛ den n’anim.


Ma w’asɔfo nhyɛ trenee, na ma w’ahotefo nni ahurusi.


Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa.


AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na w’ahotefo hyira wo.


na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.


Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.


Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.


Na wonnim Nyankopɔn trenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn trenee ase ɛ.


Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,


Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.


Eyi nti me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa no,


na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


efisɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa,


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios