Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:22 - KYERƐW KRONKRON

22 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:22
12 Referencias Cruzadas  

Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?


Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.


Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?


Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Eyi mu na yehu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom.


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios