Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:18 - KYERƐW KRONKRON

18 efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:18
26 Referencias Cruzadas  

Ne mu na yɛnam ne ho gyidi so anya nnamyɛ ne ɔkwan, ahotoso mu.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu.


Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefo apɛgyade no fafafo wɔ hann mu no ase,


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!


Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya!


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


(efisɛ mmara no amma biribiara anni mu,) nanso wɔde anidaso a eye kyɛn so a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.


Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Na sɛ mofrɛ nea ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no sɛ Agya a, momfa osuro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bere yi mu,


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Ɛno na yɛde hyira Awurade ne agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios