Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:15 - KYERƐW KRONKRON

15 efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba;

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 ɛfiri sɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm ahodoɔ a ɛwɔ ahyɛdeɛ mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforɔ baako, ɔno ara ne mu, ama asomdwoeɛ aba,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:15
21 Referencias Cruzadas  

Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.


Na dodow a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma mu no hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ntena nea wɔakyerɛw no mmara nhoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔde foforo.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


Na ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na wadwiriw fasu a etwa yɛn ntam a ɛne nitan no,


na wafa asɛnnua no so apata aka abien no abɔ Onyankopɔn ho, nipadua biako mu, efisɛ ɔde asɛnnua no akum nitan no.


Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.


na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu,


Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase


na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.


a wɔamfa ɔhonam ahyɛde mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛe ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfo.


Nea ɔka sɛ, “foforo” yi no, ɔde ama kan de no dedaw; na nea ɛreyɛ dedaw na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.


Ɛnne na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma nhwɛso no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios