Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na wadwiriw fasu a etwa yɛn ntam a ɛne nitan no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔno ara ankasa ne yɛn asomdwoeɛ, wayɛ baanu no baako, na wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛne nitan no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔno ara ankasa ne yɛn asomdwoeɛ, wayɛ baanu no baako, na wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛne nitan no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na wadwiriw fasu a etwa yɛn ntam a ɛne nitan no,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:14
28 Referencias Cruzadas  

Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Na oyi bɛyɛ asomdwoe. Sɛ Asaria ba yɛn asase so na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Ɔno ara na obesi Awurade asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watena n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so, na asomdwoe agyinatu bɛtena wɔn baanu no ntam.


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.


Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako.


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew.


Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura.


Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe;


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba,


Na ɔbae bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no,


Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.


na ɔnam no so apata Onyankopɔn ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam [n’asɛnnua ho mogya] so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de oo, ɔsoro de oo, ne Onyankopɔn ntam.


Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.


Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,


Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotoso du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ trenee hene kan, na ɛno akyi nso ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoe hene,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios