Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔmaa no boroo so maa yɛn wɔ nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:8
17 Referencias Cruzadas  

AWURADE, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.


Me, nyansa, me ne anitew na ɛte, na adwempa ne nimdeɛ na mihu.


Hwɛ, m’akoa bedi yiye, ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.


Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.


Na ɛnyɛ sɛnea mfomso no te na ɔdom akyɛde no nso te, efisɛ obiakofo mfomso nti nnipa bebree awu a, Onyankopɔn adom ne onipa biako a ɔne Yesu Kristo no adom akyɛde aboro so ama nnipa bebree akyɛn saa.


na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase.


Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten, seisei ne daa nyinaa. Amen.


na wɔde nne kɛse too dwom sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios