Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:14 - KYERƐW KRONKRON

14 a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:14
18 Referencias Cruzadas  

Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, na wugyee wɔn sɛ w’agyapade mantam no, Sion bepɔw a wobɛtenaa so no.


Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hye so, bepɔw a ne nsa nifa gyei no so.


Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.


Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ankasa nso a yɛwɔ Honhom no aba a edi kan no, yɛn nso yesi apini retwɛn abagye a ɛne ogye a wobegye yɛn nipadua no.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.


Na nea wasiesie yɛn ama saa ade yi ne Nyankopɔn a ɔno ara de Honhom no guaha nso ama yɛn no.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!


Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi.


Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios