Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 9:16 - KYERƐW KRONKRON

16 O Awurade, sɛ wo trenee nyinaa te no, dan w’abufuw ne w’anibere fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti na Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 9:16
33 Referencias Cruzadas  

Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.


AWURADE, tie me mpaebɔ, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ, wo nokwaredi mu gye me so, wo trenee mu.


Wo, AWURADE, na maguan matoa wo, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo trenee so gye me,


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.


Fa wo trenee yi me, na gye me, yɛ aso ma me, na gye me nkwa.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Yɛn nkwagye Nyankopɔn, san fa yɛn bra, na twa wo bo a ehuru yɛn no to wo yam.


AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora, wɔbɔ nea woasra no no anammɔn ahohora!


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Eyi nti AWURADE bo afuw ne man, na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn, na ɛma mmepɔw no him, na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina, wɔ mmɔnten so, Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ, na ne nsa mu ateɛ ara.


na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ;


Na mede afoa, ɔkɔm ne owuyare metiw wɔn, na mama wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadan nnome ne ahodwiriwde ne fɛwdi ne ahohorade, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,


Na abufuw ne yamgya nko na kurow yi ahyɛ me fi da a wɔkyekyee de bedu nnɛ da yi, sɛ minyi no mfi m’anim,


Israelfo ne Yudafo bɔne a wɔyɛe sɛ wɔde rehuru me bo no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahene, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo ne Yuda mmarima ne Yerusalemfo.


Wo mogya a wuhwie gui no mu na wudi so, na w’abosonhuhuw a woyɛe no na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woadu wo mfe mu; ɛno nti mede wo mayɛ ahohorade mama amanaman, ne fɛwdi mama nsaase nyinaa;


Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wotwam nyinaa anim.


Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awiei bɛba a obi nni hɔ a obedi aboa no.


Na meda so merekasa na merebɔ mpae na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotɔsrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔw kronkron,


Na mubehu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron no so, na Yerusalem bɛdan kronkronbea, na ananafo rentwa mu hɔ bio.


Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron.


Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka,


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.


AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yiye; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios