Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 9:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn akannifo a wobuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛse a ebi mmae, wiase nyinaa pɛn, sɛnea ɛbae Yerusalem no, baa yɛn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi wɔ Yerusalem no bi da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛseɛ a ebi mmaa wiase nyinaa pɛn sɛdeɛ ɛbaa Yerusalem no baa yɛn soɔ;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 9:12
31 Referencias Cruzadas  

Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn?


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne mɛba ha ne ɛhafo so, sɛnea nhoma a Yuda hene akan no mu nsɛm nyinaa te no,


Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ, na ɔma akannifo dan nkwasea.


Asase so ahene ne aman nyinaa, atitiriw ne asase so akannifo nyinaa,


Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu.


me so na mpanyimfo nam di panyin, ne abirempɔn, ne asase so atemmufo nyinaa.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.


nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no.


Esiane sɛ mohyehyew aduhuam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde ne n’adansesɛm no so nti na asiane bɔne yi abesiane mo sɛ ɛte nnɛ yi.


So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na munhu, sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a wɔde aba me so yi a AWURADE de ahow me werɛ n’abufuhyew da no!


Dɛn adanse na minni wo, dɛn na memfa mento wo ho, O Yerusalem babea? Dɛn na memma ɛne wo nsɛ, na mede makyekye wo werɛ, O ɔbaabun, Sion babea? Wo yaw so sɛ ɛpo; hena na obetumi asa wo yare?


AWURADE ayɛ nea osusuwii; wama n’asɛm abam pɛ, n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no; wadwiriw, na wankyɛe so, na wama ɔtamfo ani agye wo ho, wama w’ahohiafo abɛn so.


Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.


Ahuhude ne atoro nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm ni, no hu, nso na AWURADE nsomaa wɔn ɛ, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu.


Na mɛyɛ wo nea menyɛe da na merenyɛ ne sɛso bio, w’akyide nyinaa nti.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.


Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?


Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no.


Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.


Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Na nna no bɛyɛ ahohiahia a efi Onyankopɔn adebɔ no mfiase de bedu nnɛ ɛmmae saa da, nanso ɛremma saa bio.


efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.


Na mise: Kristo ayɛ twetiatwafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios