Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 9:11 - KYERƐW KRONKRON

11 na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo. “Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 9:11
30 Referencias Cruzadas  

efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne mɛba ha ne ɛhafo so, sɛnea nhoma a Yuda hene akan no mu nsɛm nyinaa te no,


Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.


Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,


Ɛdɛn nti na mo ne me ham ara? Mo nyinaa moafomfom me, AWURADE asɛm ni.


W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo, wommisa w’akyi kwan. Na ɔtamfo pira na mapira wo, otirimmɔdenfo asotwe na mede matwe wo, w’amumɔyɛ dodow so, sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


nanso wama aba mu, na AWURADE ayɛ sɛnea ɔkae no, efisɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no ma asɛm yi aba mo so.


Efisɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nsɛnnii bɔne ne akyide a moyɛe no bio, na mo asase adan amamfo ne ahodwiriwde ne nnome a obiara nte hɔ sɛ ɛte nnɛ yi.


Esiane sɛ mohyehyew aduhuam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde ne n’adansesɛm no so nti na asiane bɔne yi abesiane mo sɛ ɛte nnɛ yi.


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.


Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo.


Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware.


yɛayɛ bɔne afom so adi abɔnefosɛm atew atua, yɛafi wo mmara nsɛm ne w’atemmude ho akɔ.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.


Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no.


Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.


Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn fi mo anim no, saa ara na mobɛsɛe, efisɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios