Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 8:21 - KYERƐW KRONKRON

21 na ɔpapo a ɔyɛ keka no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔpapo a ɔyɛ werɛmfoɔ no ne Hela hene. Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a ɔdi kan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 8:21
9 Referencias Cruzadas  

Na ose: So, wunim nea enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsan me ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebefi makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba.


Na afei, merekyerɛ wo nokware no: Hwɛ, ahene baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na nea ɔto so anan no benya ahonyade kɛse asen wɔn nyinaa, na sɛ onya n’ahonyade no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan aman nyinaa ahyɛ Hela ahemman.


Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛse bedi hene, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ.


Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no ananmu, ne ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so.


Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.


Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene;


na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.


Na makom Yuda sɛ ɔta mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afoa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios