Daniel 7:13 - KYERƐW KRONKRON13 Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm13 “Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible13 Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm13 “Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Ver Capítulo |