Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Enti, ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wonkurukyerɛw kyerɛw a wɔrensakra, sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:8
11 Referencias Cruzadas  

Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfi ne hɔ, na wɔnkyerɛw no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannan ani sɛ: Wasti mmma ɔhene Ahas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadi no mma ne yɔnko a oye sen no.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.


Na ɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene pɛtea sɔw ano, na ɔde nhoma no somasomaa ammirikatufo a wɔtete apɔnkɔ so ne mfurumpɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mma so.


Na Ester kasae bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na osui kotow srɛɛ no sɛ onyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafo no ho no.


Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan.


Wɔbɔ ɔtreneeni kra so tukuw, na wobu mogya a edi bem fɔ.


Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara,


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Ɛnna wotwiw bae bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: So, woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ ade bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu? Ɔhene buae sɛ: Asɛm no atim sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te.


Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔhene, hu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛde biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnan ani.


Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios