Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ahemman yi mu abirempɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinatufo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, O ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:7
25 Referencias Cruzadas  

Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.


Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,


Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.


Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Sela


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew. Sela


Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam.


So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa?


Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene Siria kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ ase.


na nea wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu:


Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.


Na amantam ahene, mmakoma ne amradofo ne ɔhene agyinatufo hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn ti so nwi anhyew, na wɔn ntwontwo ansakra, na ogya no ho hua amfa wɔn ho.


Na nea ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu.


Ɛnna ɔhene kae ma wɔkɔfaa Daniel bae na wɔtow no kyenee agyata amoa mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa yi no, ɔno na onnye wo.


Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, efisɛ wahu me sɛ midi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne bi ɛ.


Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no.


Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere, na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde nea ɔtetew mu no hyehyɛɛ ne tenabea.


Na Farisifo no fii adi kotuu ne ho agyina sɛnea wobekum no.


na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios