Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna mmarima no kae sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yehu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:5
8 Referencias Cruzadas  

Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Ɔbɔnefo tɛw ɔtreneeni, na ɔhwehwɛ no akum no.


Na monhwehwɛ kurow a mema wotuu mo kɔɔ hɔ no yiyedi, na mommɔ AWURADE mpae mma no; na ne yiyedi mu na mubedi yiye.


Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woteɛ kyɛn me, efisɛ wode papa atua me ka, na me de, mede bɔne matua wo ka.


Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios