Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Daniel yi kyɛn abirempɔn ne amantam ahene no, efisɛ honhom a ɛkyɛn so wɔ no mu; na ɔhene no reyɛ de no asi ahemman no nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Daniel daa ne ho adi sɛ ɔnim de wɔ sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ, ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:3
12 Referencias Cruzadas  

Na monhwɛ yiye na moantoto eyi ase, na bɔne bi amma, na ahemfo ade ammɔ wɔn.


Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,


Na Yudani Mordekai no ne nea odi Ɔhene Ahas-weros akyi wɔ tumi mu. Yudafo no mu nso ɔyɛ onipa kɛse, na ne nuanom dodow no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ ne man no yiyedi, na ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ n’asefo nyinaa.


Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.


Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.


Na mihui sɛ mfaso wɔ nyansa mu sen nkwaseasɛm, sɛnea hann mfaso sen sum de no.


na wohuu honhom a ɛkyɛn so ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ ɔdae ase kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ san apɔw wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ ase.


Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahu wo mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛn so.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Wo nkotɔsrɛ mfiase mu no, asɛm bi fi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔdɔ w’asɛm sɛ; enti te asɛm no ase, na hu adehu no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios