Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna wotwiw bae bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene sɛ: So, woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a obebisa onyame anaa onipa biara hɔ ade bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu? Ɔhene buae sɛ: Asɛm no atim sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?” Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?” Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.”

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:12
7 Referencias Cruzadas  

Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfi ne hɔ, na wɔnkyerɛw no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannan ani sɛ: Wasti mmma ɔhene Ahas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadi no mma ne yɔnko a oye sen no.


Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔhene, hu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛde biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnan ani.


Enti, ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wonkurukyerɛw kyerɛw a wɔrensakra, sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te no.


Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim.


Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn koguu afiase a ɛwɔ mfinimfini no mu, na ɔde wɔn anan bobɔɔ dua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios