Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:10
47 Referencias Cruzadas  

Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa firi!


mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara behu ne koma mu haw, na sɛ ɔbɛtrɛw ne nsa mu kyerɛ ofi yi a,


Sɛ wo man fi adi ne wɔn atamfo kodi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpae kyerɛ kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a,


Na Solomon wiee mpae a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotɔsrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre fii afɔremuka no anim, na ogyaee ne nankoroma anim kotow ne ne nsam trɛw a ɔtrɛw kyerɛɛ ɔsoro no.


Na Solomon ayɛ kɔbere sumpii bi de asi abangua no mfinimfini, ne ntwemu basafa abien ne fa, ne trɛw basafa abien ne fa na ne korɔn basafa biako ne fa, na okogyinaa so. Na ɔkotow ne nankoroma anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro,


na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafo asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woayi ne ofi a masi mama wo din yi a,


Na anwummere afɔrebɔ mu no, mesɔre mifii m’awerɛhow no mu, nso na masunsuan m’atade ne me batakari mu, na mekotow me nankoroma anim metrɛw me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn


Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Mehyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.


Na me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi. Na wo ho suro mu na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow.


Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


O, AWURADE hu me mmɔbɔ, na wo na misu mefrɛ wo daa adesae.


Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre AWURADE, yɛn yɛfo anim.


Ɛnna wobua see ɔhene sɛ: Daniel a ofi Yuda atukɔfo mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔsrɛ n’adesrɛ da koro mprɛnsa.


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,


Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan.


Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini!


Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani.


Na ɔtwee ne ho fii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a, ɛbɛtɔ no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae


Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien.


Na eyinom mmow nsa, sɛnea mususuw yi, efisɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron.


Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.


Na ɔkaa saa no, ɔkotow ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpae.


Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae.


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.


Na afei de, Awurade, hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm,


Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.


Na Petro ne asomafo no buae sɛ: Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.


Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.


Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya


na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.


mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios