Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Daniel 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahene ɔha aduonu besisi n’ahenni no so, sɛ wonni ahemman no nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.

Ver Capítulo Copiar




Daniel 6:1
9 Referencias Cruzadas  

Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no.


Momma amanaman nnoa no so sa, Media ahene, wɔn amradofo ne wɔn amampanyin ne wɔn ahemman asase nyinaa.


Na me de, Mediani Dario afe a edi kan mu no, migyinae sɛ mereso no mu na mahyɛ no den.


Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.


Na Mediani Dario faa ahenni no, na wadi mfe aduosia abien.


ne wɔn so abirempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu biako, sɛ amantam ahene no mmu akontaa nkyerɛ wɔn, na ɔhene ade ammɔ no.


Akas-weros ba Dario a n’ase fi Media a odii Kaldeafo ahemman so hene no afe a edi kan mu,


sɛ nso amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios